Aki-Ola: Akuapem Twi for Junior High Schools (Forms 1, 2 & 3)

24.00

Out of stock

Ɔman biara a ɔrepɛ mpontuo na ɔbɛgya ne kasa wɔ akyire no, na ɛnyɛ mpontuo papa biara na ɔrehwehwɛ akyiri kwan. Kasa de nkabom, koroyɛ ne ntease ɛ ba. Sɛ yɛfiri aseɛ de yɛn Akan  anaa Akuapem kasa tete yɛn mma wɔ fie na afei nso yɛde kyerɛ adeɛ wɔ sukuu mu a, ɛbɛboa ama yɛn mma adesua atu mpɔ n ntɛm pa ara.

Saa nwoma yi bɛboa asuafoɔ a wɔwɔ JHS titire ama wɔatumi atwerɛ Akuapem kasa no, akenkan na wɔatumi nso aka kasa no korɔgyenn.

Yɛato yɛn bo ase afa JHS selabɔso no kwan so na yɛatwerɛ saa nwoma yi. Afei nso yɛde nsɛmmisa ahodoɔ aba adesuadeɛ biara awieeɛ. Ebi yɛ deɛ wo ara wobɛyi ano ɛnna ebi nso yɛ deɛ nyiano ahodoɔ nan wɔ hɔ na wobɛyi mu baako a ɛyɛ wɔ w’adwene mu.

Ɛnyɛ asuafoɔ nko na nwoma yi bɛboa wɔn wɔ wɔn adesua mu. Ɛbɛboa akyerɛkyerɛ foɔ nso ama wɔn adekyerɛ akɔ kan na atu mpɔn nso.

Yɛnam saa kwan yi so hyɛ wo nkuran sɛ, pɛ saa nwoma yi bi kenkan na worennu wo ha da. Nsɛmmisa a ɛwɔ mu no bɛboa asuafuɔ wɔ wɔn B.E.C.E sɔhwɛ no mu papaapa.

Additional information

Weight 0.400 kg
Be the first to review “Aki-Ola: Akuapem Twi for Junior High Schools (Forms 1, 2 & 3)”

Reviews

There are no reviews yet.

Main Menu

Aki-Ola: Akuapem Twi for Junior High Schools (Forms 1, 2 & 3)

24.00